Hebrifoɔ 6:3
Hebrews 6:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Momma yɛnkɔ yɛn anim! Na sɛ Onyankopɔn ma ɛkwan a, saa ara na yɛbɛyɛ.
Hebrews 6:3 in English
Hebrews 6:3 · Berean Standard Bible
And this we will do, if God permits.
Context
1Momma yɛnnyae Kristosom ahyɛaseɛ ho nkyerɛkyerɛ no, na yɛnsua ne ho nsɛm a ɛkɔ anim no. Ɛho nnhia bio sɛ yɛbɛkɔ so akyerɛkyerɛ deɛ enti a ɛsɛ sɛ yɛnu yɛn ho wɔ nneyɛeɛ a ɛde owuo berɛ yɛn ho ne deɛ enti a ɛsɛ sɛ yɛnya Onyankopɔn mu gyidie. 2Ɛho nhia bio nso sɛ yɛbɛkɔ so akyerɛkyerɛ asubɔ, nsa a wɔde gu nnipa so, awufosɔreɛ ne daa atemmuo ho nsɛm. 3Momma yɛnkɔ yɛn anim! Na sɛ Onyankopɔn ma ɛkwan a, saa ara na yɛbɛyɛ. 4Ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛsane de wɔn a wɔahwe ase aba ama wɔanu wɔn ho bio? Na anka wɔwɔ Onyankopɔn hann mu. Wɔkaa ɔsoro akyɛdeɛ hwɛeɛ na wɔnyaa wɔn kyɛfa wɔ Honhom Kronkron no mu. 5Wɔfiri osuahunu mu ahunu sɛ Onyankopɔn asɛm yɛ, na wɔahunu ewiase a ɛreba no mu tumi.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.