Native Bible

Hebrews 6:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na Abraham wɔ boasetɔ enti, ɛbɔ a Onyankopɔn hyɛɛ no no, ne nsa kaeɛ.

Hebrews 6:15 in English

Hebrews 6:15 · Berean Standard Bible

And so Abraham, after waiting patiently, obtained the promise.

Context

13Ɛberɛ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ no, ɔkaa deɛ wahyɛ ho bɔ no ho ntam. Esiane sɛ na obiara nni hɔ a ɔkorɔn sene no no enti, ɔde ɔno ara ne din na ɛkaa saa ntam no. 14Ɔkaa ntam no sɛ, “Mehyɛ wo bɔ sɛ, mɛhyira wo na mama wʼase adɔre.” 15Na Abraham wɔ boasetɔ enti, ɛbɔ a Onyankopɔn hyɛɛ no no, ne nsa kaeɛ. 16Sɛ onipa ka ntam a, ɔde obi a ɔkorɔn sene no din na ɛka saa ntam no de siesie nnipa ntam. 17Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔda no adi pefee kyerɛ wɔn a na ɛsɛ sɛ wɔn nsa ka ne bɔhyɛ no sɛ ɔrensesa nʼatirimsɛm, enti ɔkaa ntam de hyɛɛ bɔhyɛ no mu den.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.