Hebrifoɔ 6:14
Hebrews 6:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔkaa ntam no sɛ, “Mehyɛ wo bɔ sɛ, mɛhyira wo na mama wʼase adɔre.”
Hebrews 6:14 in English
Hebrews 6:14 · Berean Standard Bible
saying, “I will surely bless you and multiply your descendants.”*
Context
12Yɛmpɛ sɛ moyɛ aniha. Na mmom, yɛpɛ sɛ yɛhunu mo sɛ agyidifoɔ a mowɔ boasetɔ na mo nsa aka bɔ a Onyankopɔn ahyɛ mo no. 13Ɛberɛ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ no, ɔkaa deɛ wahyɛ ho bɔ no ho ntam. Esiane sɛ na obiara nni hɔ a ɔkorɔn sene no no enti, ɔde ɔno ara ne din na ɛkaa saa ntam no. 14Ɔkaa ntam no sɛ, “Mehyɛ wo bɔ sɛ, mɛhyira wo na mama wʼase adɔre.” 15Na Abraham wɔ boasetɔ enti, ɛbɔ a Onyankopɔn hyɛɛ no no, ne nsa kaeɛ. 16Sɛ onipa ka ntam a, ɔde obi a ɔkorɔn sene no din na ɛka saa ntam no de siesie nnipa ntam.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.