Hebrifoɔ 4:14
Hebrews 4:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛno enti, momma yɛnsɔ gyidie a yɛka ho asɛm no mu den. Ɛfiri sɛ yɛwɔ Ɔsɔfopanin kɛseɛ wɔ Onyankopɔn anim.
Hebrews 4:14 in English
Hebrews 4:14 · Berean Standard Bible
Therefore, since we have a great high priest who has passed through the heavens, Jesus the Son of God, let us hold firmly to what we profess.
Context
12Onyankopɔn asɛm* yɛ nkwa, na tumi wɔ mu. Ɛyɛ nnam sene sekan anofanu. Ɛhwire mu kɔsi sɛ ɛpaapae honhom ne ɔkra, apɔ ne ɛhon mu. Ɛda yɛn akoma mu ne yɛn adwene mu nsusuiɛ nyinaa adi. 13Biribiara nni hɔ a wɔde sie Onyankopɔn ma ɛyɛ yie. Abɔdeɛ mu biribiara da nʼanim na ɔno na ɛsɛ sɛ yɛbu yɛn ho akonta kyerɛ no. 14Ɛno enti, momma yɛnsɔ gyidie a yɛka ho asɛm no mu den. Ɛfiri sɛ yɛwɔ Ɔsɔfopanin kɛseɛ wɔ Onyankopɔn anim. 15Yɛnni sɔfopanin bi a ɔntumi nhwɛ yɛn mmerɛyɛ ho nhunu yɛn mmɔbɔ. Yɛwɔ obi a wɔasɔ no ahwɛ akwan ahodoɔ nyinaa so sɛ yɛn ara, nanso wanyɛ bɔne. 16Momma yɛnsi yɛn bo na yɛmmra* Onyankopɔn ahennwa a adom wɔ mu no anim, na ɛno na ɛbɛma yɛanya ahummɔborɔ ne adom a ɛbɛboa yɛn ɛberɛ a ɛsɛ mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.