Hebrifoɔ 4:13
Hebrews 4:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Biribiara nni hɔ a wɔde sie Onyankopɔn ma ɛyɛ yie. Abɔdeɛ mu biribiara da nʼanim na ɔno na ɛsɛ sɛ yɛbu yɛn ho akonta kyerɛ no.
Hebrews 4:13 in English
Hebrews 4:13 · Berean Standard Bible
Nothing in all creation is hidden from God’s sight; everything is uncovered and exposed before the eyes of Him to whom we must give account.
Context
11Enti, momma yɛmmɔ yɛn ho mmɔden na yɛatumi akɔ Onyankopɔn home mu. Ɛnsɛ sɛ yɛn mu bi yɛ asoɔden sɛdeɛ wɔyɛɛ asoɔden a enti wɔankɔ mu no. 12Onyankopɔn asɛm* yɛ nkwa, na tumi wɔ mu. Ɛyɛ nnam sene sekan anofanu. Ɛhwire mu kɔsi sɛ ɛpaapae honhom ne ɔkra, apɔ ne ɛhon mu. Ɛda yɛn akoma mu ne yɛn adwene mu nsusuiɛ nyinaa adi. 13Biribiara nni hɔ a wɔde sie Onyankopɔn ma ɛyɛ yie. Abɔdeɛ mu biribiara da nʼanim na ɔno na ɛsɛ sɛ yɛbu yɛn ho akonta kyerɛ no. 14Ɛno enti, momma yɛnsɔ gyidie a yɛka ho asɛm no mu den. Ɛfiri sɛ yɛwɔ Ɔsɔfopanin kɛseɛ wɔ Onyankopɔn anim. 15Yɛnni sɔfopanin bi a ɔntumi nhwɛ yɛn mmerɛyɛ ho nhunu yɛn mmɔbɔ. Yɛwɔ obi a wɔasɔ no ahwɛ akwan ahodoɔ nyinaa so sɛ yɛn ara, nanso wanyɛ bɔne.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.