Hebrifoɔ 4:11
Hebrews 4:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti, momma yɛmmɔ yɛn ho mmɔden na yɛatumi akɔ Onyankopɔn home mu. Ɛnsɛ sɛ yɛn mu bi yɛ asoɔden sɛdeɛ wɔyɛɛ asoɔden a enti wɔankɔ mu no.
Hebrews 4:11 in English
Hebrews 4:11 · Berean Standard Bible
Let us, therefore, make every effort to enter that rest, so that no one will fall by following the same pattern of disobedience.
Context
9Sɛdeɛ ɛte yi, ɔhome da so wɔ hɔ ma Onyankopɔn nkurɔfoɔ sɛdeɛ Onyankopɔn homee da a ɛtɔ so nson no. 10Obiara a ɔbɛhome wɔ Onyankopɔn mu no bɛhome afiri nʼankasa ne nnwuma mu, sɛdeɛ Onyankopɔn home firii ne nnwuma mu no. 11Enti, momma yɛmmɔ yɛn ho mmɔden na yɛatumi akɔ Onyankopɔn home mu. Ɛnsɛ sɛ yɛn mu bi yɛ asoɔden sɛdeɛ wɔyɛɛ asoɔden a enti wɔankɔ mu no. 12Onyankopɔn asɛm* yɛ nkwa, na tumi wɔ mu. Ɛyɛ nnam sene sekan anofanu. Ɛhwire mu kɔsi sɛ ɛpaapae honhom ne ɔkra, apɔ ne ɛhon mu. Ɛda yɛn akoma mu ne yɛn adwene mu nsusuiɛ nyinaa adi. 13Biribiara nni hɔ a wɔde sie Onyankopɔn ma ɛyɛ yie. Abɔdeɛ mu biribiara da nʼanim na ɔno na ɛsɛ sɛ yɛbu yɛn ho akonta kyerɛ no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.