Hebrifoɔ 12:6
Hebrews 12:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛfiri sɛ, obiara a Awurade pɛ nʼasɛm no, ɔtwe nʼaso, sɛdeɛ agya tene ɔba a ɔdɔ no so no.”
Hebrews 12:6 in English
Hebrews 12:6 · Berean Standard Bible
For the Lord disciplines the one He loves, and He chastises every son He receives.”*
Context
4Na mo ne bɔne ko mu no, monnko nkɔduruu sɛ mobɛhwie mogya agu. 5Mo werɛ afiri nkuranhyɛsɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ mo sɛ ne mma no sɛ,
“Me ba, sɛ Awurade tene wo so a, tie no yie,
na sɛ ɔka wʼanim a, mpa aba. 6Ɛfiri sɛ, obiara a Awurade pɛ nʼasɛm no, ɔtwe nʼaso,
sɛdeɛ agya tene ɔba a ɔdɔ no so no.” 7Amanehunu biara a ɛbɛto mo no, monnhinhim na momfa no sɛ Agya no ntenesoɔ, ɛfiri sɛ, mo amanehunu no kyerɛ ntenesoɔ a Onyankopɔn retene mo so sɛ ne mma. Ɔba bi wɔ hɔ a nʼagya ntene ne so da? 8Sɛ wantene mo so sɛ ne mma no bi a, na ɛkyerɛ sɛ monnyɛ ne mma kann.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.