Hebrifoɔ 12:4
Hebrews 12:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na mo ne bɔne ko mu no, monnko nkɔduruu sɛ mobɛhwie mogya agu.
Hebrews 12:4 in English
Hebrews 12:4 · Berean Standard Bible
In your struggle against sin, you have not yet resisted to the point of shedding your blood.
Context
2Momma yɛmfa yɛn ani nto Yesu a yɛn gyidie ahyɛaseɛ ne nʼawieeɛ gyina ne so no so. Asɛnnua no enti, wampa aba. Esiane anigyeɛ a na ɛretwɛn no no enti, animguasewuo a ɔwuu wɔ asɛnnua so no anha no. Enti, seesei ɔte Onyankopɔn ahennwa no nifa so. 3Dwene ɔhaw a ɔfaa mu no ho sɛ nnipa nnebɔneyɛfoɔ tan a wɔtanee no nso, ɔtumi gyinaa ano no. Ɛno enti mommpa aba. 4Na mo ne bɔne ko mu no, monnko nkɔduruu sɛ mobɛhwie mogya agu. 5Mo werɛ afiri nkuranhyɛsɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ mo sɛ ne mma no sɛ,
“Me ba, sɛ Awurade tene wo so a, tie no yie,
na sɛ ɔka wʼanim a, mpa aba. 6Ɛfiri sɛ, obiara a Awurade pɛ nʼasɛm no, ɔtwe nʼaso,
sɛdeɛ agya tene ɔba a ɔdɔ no so no.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.