Native Bible

Hebrews 12:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Amanehunu biara a ɛbɛto mo no, monnhinhim na momfa no sɛ Agya no ntenesoɔ, ɛfiri sɛ, mo amanehunu no kyerɛ ntenesoɔ a Onyankopɔn retene mo so sɛ ne mma. Ɔba bi wɔ hɔ a nʼagya ntene ne so da?

Hebrews 12:7 in English

Hebrews 12:7 · Berean Standard Bible

Endure suffering as discipline; God is treating you as sons. For what son is not disciplined by his father?

Context

5Mo werɛ afiri nkuranhyɛsɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ mo sɛ ne mma no sɛ, “Me ba, sɛ Awurade tene wo so a, tie no yie, na sɛ ɔka wʼanim a, mpa aba. 6Ɛfiri sɛ, obiara a Awurade pɛ nʼasɛm no, ɔtwe nʼaso, sɛdeɛ agya tene ɔba a ɔdɔ no so no.” 7Amanehunu biara a ɛbɛto mo no, monnhinhim na momfa no sɛ Agya no ntenesoɔ, ɛfiri sɛ, mo amanehunu no kyerɛ ntenesoɔ a Onyankopɔn retene mo so sɛ ne mma. Ɔba bi wɔ hɔ a nʼagya ntene ne so da? 8Sɛ wantene mo so sɛ ne mma no bi a, na ɛkyerɛ sɛ monnyɛ ne mma kann. 9Sɛ yɛn agyanom a wɔwɔ asase so twee yɛn aso maa yɛbuu wɔn a, mpɛn ahe na ɛnsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma honhom mu Agya no na yɛtumi tena ase?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.