Habakuk 2:11
Habakkuk 2:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Aboɔ a ɛhyehyɛ afie afasuo mu no bɛteam na ɛbɛgyegye wɔ mpunan a wɔahyehyɛ no mu.
Habakkuk 2:11 in English
Habakkuk 2:11 · Berean Standard Bible
For the stones will cry out from the wall, and the rafters will echo it from the woodwork.
Context
9“Nnome nka deɛ ɔde korɔnodeɛ kyekyere ne ɔman,
a ɔyɛ ne pirebuo wɔ sorɔnsorɔmmea,
sɛdeɛ ɔbɛyi ne ho afiri ɔsɛeɛ mu. 10Woatu nnipa bebree sɛeɛ ho agyina,
de agu wo fie anim ase, na wode wo nkwa atwa so. 11Aboɔ a ɛhyehyɛ afie afasuo mu no bɛteam
na ɛbɛgyegye wɔ mpunan a wɔahyehyɛ no mu. 12“Nnome nka deɛ ɔnam mogya hwieguo so kyekyere kuropɔn
na ɔnam awudie so kyekyere kuro. 13Asafo Awurade ahyɛ sɛ,
nnipa no adwumayɛ bɛyɛ ogya a wɔhye.
Aman no brɛ gu kwa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.