Native Bible

Habakkuk 2:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Woatu nnipa bebree sɛeɛ ho agyina, de agu wo fie anim ase, na wode wo nkwa atwa so.

Habakkuk 2:10 in English

Habakkuk 2:10 · Berean Standard Bible

You have plotted shame for your house by cutting off many peoples and forfeiting your life.*

Context

8Esiane sɛ woafo aman bebree enti, wɔn a wɔaka no bɛfo wo bi. Ɛfiri sɛ woahwie nnipa mogya agu; woasɛe nsase, nkuropɔn ne wɔn a wɔtete mu. 9“Nnome nka deɛ ɔde korɔnodeɛ kyekyere ne ɔman, a ɔyɛ ne pirebuo wɔ sorɔnsorɔmmea, sɛdeɛ ɔbɛyi ne ho afiri ɔsɛeɛ mu. 10Woatu nnipa bebree sɛeɛ ho agyina, de agu wo fie anim ase, na wode wo nkwa atwa so. 11Aboɔ a ɛhyehyɛ afie afasuo mu no bɛteam na ɛbɛgyegye wɔ mpunan a wɔahyehyɛ no mu. 12“Nnome nka deɛ ɔnam mogya hwieguo so kyekyere kuropɔn na ɔnam awudie so kyekyere kuro.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.