Native Bible

Genesis 9:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

ɔkaa sɛ, “Nnome nka Ham asefoɔ a wɔyɛ Kanaanfoɔ. Wɔbɛyɛ wɔn nuanom mu nkoa mu nkoa.”

Genesis 9:25 in English

Genesis 9:25 · Berean Standard Bible

he said, “Cursed be Canaan! A servant of servants shall he be to his brothers.”

Context

23Enti, Sem ne Yafet faa atadeɛ de guu wɔn mmati so, kɔɔ nkyirinkyire de kɔkataa wɔn agya adagya so. Na wɔn ani nkyerɛ wɔn agya enti, wɔanhunu nʼadagya mu. 24Ɛberɛ a Noa ani so tetee no, na ɔhunuu deɛ ne kaakyire no ayɛ no, 25ɔkaa sɛ, “Nnome nka Ham asefoɔ a wɔyɛ Kanaanfoɔ. Wɔbɛyɛ wɔn nuanom mu nkoa mu nkoa.” 26Noa kaa bio sɛ, “Me nhyira a ɛfiri Awurade, me Onyankopɔn, nkyɛn no nka Sem! Kanaan nyɛ Sem akoa. 27Onyankopɔn ntrɛ Yafet ase ne nʼasase mu. Yafet ntena Sem ntomadan mu, na Kanaan nyɛ nʼakoa.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.