1 Mose 8:10
Genesis 8:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Noa twɛn nnanson, na ɛno akyiri no, ɔsane somaa aborɔnoma no bio.
Genesis 8:10 in English
Genesis 8:10 · Berean Standard Bible
Noah waited seven more days and again sent out the dove from the ark.
Context
8Afei, ɔsomaa aborɔnoma sɛ, ɔnkɔhwɛ sɛ asase no so awo anaa. 9Nanso, aborɔnoma no annya baabi ansi, ɛfiri sɛ, na nsuo no akata asase no so nyinaa. Enti, ɔsane baa Noa nkyɛn, maa Noa tenee ne nsa sɔɔ ne mu de no baa Adaka no mu. 10Noa twɛn nnanson, na ɛno akyiri no, ɔsane somaa aborɔnoma no bio. 11Ɛberɛ a aborɔnoma no sane baa ne nkyɛn anwummerɛ no, na ngo dua ahahammono a wate tua nʼano. Ɛno na ɛmaa Noa hunuu sɛ, nsuo no atwe afiri asase no so. 12Noa twɛnee nnanson bio, na ɔsane somaa aborɔnoma no, nanso wansane amma ne nkyɛn bio.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.