Native Bible

Genesis 50:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ nso kaa wɔn ho kɔɔ ayie no bi. Nnipadɔm pa ara na wɔkɔeɛ.

Genesis 50:9 in English

Genesis 50:9 · Berean Standard Bible

Chariots and horsemen alike went up with him, and it was an exceedingly large procession.

Context

7Ɛno enti, Yosef kɔ kɔsiee nʼagya. Farao asomfoɔ nyinaa ne ne mpanimfoɔ ne nʼatenankonnwa ne Misraim nnipa titire nyinaa kɔgyaa Yosef ayie. 8Ɛno akyiri, Yosef fiefoɔ nyinaa a ne nuammarimanom ne nʼagya fiefoɔ ka ho ne no kɔɔ ayie no. Wɔn mma ne wɔn nnwan ne wɔn anantwie nko ara na wɔgyaa wɔn wɔ Gosen asase so hɔ. 9Nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ nso kaa wɔn ho kɔɔ ayie no bi. Nnipadɔm pa ara na wɔkɔeɛ. 10Wɔduruu Atad a nʼasekyerɛ ne baabi a wɔpo atokoɔ, a ɛwɔ Asubɔnten Yordan atɔeɛ fam no, wɔde nnanson twaa agyaadwoɔ, yɛɛ Yosef agya Israel ayi kɛseɛ wɔ hɔ. 11Ɛberɛ a Kanaanfoɔ a na wɔte asase no so hunuu sɛdeɛ wɔsi yɛɛ ayie no wɔ Atad no, wɔkaa sɛ, “Yei yɛ ayi kɛseɛ bi a Misraimfoɔ ayɛ.” Ɛno enti, Kanaanfoɔ a wɔte asase no so no too hɔ edin Abel-Misraim, a asekyerɛ ne Misraimfoɔ ayi kɛseɛ yɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.