Native Bible

Genesis 50:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔduruu Atad a nʼasekyerɛ ne baabi a wɔpo atokoɔ, a ɛwɔ Asubɔnten Yordan atɔeɛ fam no, wɔde nnanson twaa agyaadwoɔ, yɛɛ Yosef agya Israel ayi kɛseɛ wɔ hɔ.

Genesis 50:10 in English

Genesis 50:10 · Berean Standard Bible

When they reached the threshing floor of Atad, which is across the Jordan, they lamented and wailed loudly, and Joseph mourned for his father seven days.

Context

8Ɛno akyiri, Yosef fiefoɔ nyinaa a ne nuammarimanom ne nʼagya fiefoɔ ka ho ne no kɔɔ ayie no. Wɔn mma ne wɔn nnwan ne wɔn anantwie nko ara na wɔgyaa wɔn wɔ Gosen asase so hɔ. 9Nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ nso kaa wɔn ho kɔɔ ayie no bi. Nnipadɔm pa ara na wɔkɔeɛ. 10Wɔduruu Atad a nʼasekyerɛ ne baabi a wɔpo atokoɔ, a ɛwɔ Asubɔnten Yordan atɔeɛ fam no, wɔde nnanson twaa agyaadwoɔ, yɛɛ Yosef agya Israel ayi kɛseɛ wɔ hɔ. 11Ɛberɛ a Kanaanfoɔ a na wɔte asase no so hunuu sɛdeɛ wɔsi yɛɛ ayie no wɔ Atad no, wɔkaa sɛ, “Yei yɛ ayi kɛseɛ bi a Misraimfoɔ ayɛ.” Ɛno enti, Kanaanfoɔ a wɔte asase no so no too hɔ edin Abel-Misraim, a asekyerɛ ne Misraimfoɔ ayi kɛseɛ yɛ. 12Enti, Yakob mmammarima no yɛɛ sɛdeɛ wɔn agya kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.