1 Mose 49:9
Genesis 49:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ao, Yuda, woyɛ gyata ba a woawe wʼatamfoɔ ɛnam awie. Wote sɛ gyata a wabutu. Hwan na ɔbɛtumi akɔka no?
Genesis 49:9 in English
Genesis 49:9 · Berean Standard Bible
Judah is a young lion— my son, you return from the prey. Like a lion he crouches and lies down; like a lioness, who dares to rouse him?
Context
7Nnome nka wɔn abufuo, ɛfiri sɛ, ano yɛ den,
na ɛyɛ atirimuɔdensɛm!
Ɛno enti, mɛbɔ wɔn asefoɔ ahwete
Israelman mu nyinaa. 8“Yuda, wo nuammarimanom bɛyi wo ayɛ.
Wobɛsɛe wʼatamfoɔ nyinaa.
Wʼagya mmammarima bɛkoto wo. 9Ao, Yuda, woyɛ gyata ba a
woawe wʼatamfoɔ ɛnam awie.
Wote sɛ gyata a wabutu.
Hwan na ɔbɛtumi akɔka no? 10Ahempoma remfiri Yuda nsam,
na saa ara nso na ahempoma remfiri ne nan ntam,
kɔsi sɛ, deɛ ɛyɛ ne dea a aman nyinaa bɛtie no no bɛba. 11Ɔbɛsa nʼafunumu wɔ bobe dua mu.
Ɔde nʼafunumu ba bɛsa bobe pa mman mu.
Ɔbɛsi ne ntoma wɔ nsã mu,
na wasi nʼatadeɛ nso wɔ bobesa kɔɔ mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.