Native Bible

Genesis 49:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Yuda, wo nuammarimanom bɛyi wo ayɛ. Wobɛsɛe wʼatamfoɔ nyinaa. Wʼagya mmammarima bɛkoto wo.

Genesis 49:8 in English

Genesis 49:8 · Berean Standard Bible

Judah,* your brothers shall praise you. Your hand shall be on the necks of your enemies; your father’s sons shall bow down to you.

Context

6Mma me nkɔka wɔn agyinatuo ho, ɛfiri sɛ, wɔnam wɔn abufuo so akunkum nnipa, na wɔkunkumm anantwie de gyee wɔn ani. 7Nnome nka wɔn abufuo, ɛfiri sɛ, ano yɛ den, na ɛyɛ atirimuɔdensɛm! Ɛno enti, mɛbɔ wɔn asefoɔ ahwete Israelman mu nyinaa. 8“Yuda, wo nuammarimanom bɛyi wo ayɛ. Wobɛsɛe wʼatamfoɔ nyinaa. Wʼagya mmammarima bɛkoto wo. 9Ao, Yuda, woyɛ gyata ba a woawe wʼatamfoɔ ɛnam awie. Wote sɛ gyata a wabutu. Hwan na ɔbɛtumi akɔka no? 10Ahempoma remfiri Yuda nsam, na saa ara nso na ahempoma remfiri ne nan ntam, kɔsi sɛ, deɛ ɛyɛ ne dea a aman nyinaa bɛtie no no bɛba.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.