1 Mose 49:5
Genesis 49:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Simeon ne Lewi yɛ anuanom. Wɔgyina hɔ ma basabasayɛ ne nsisie.
Genesis 49:5 in English
Genesis 49:5 · Berean Standard Bible
Simeon and Levi are brothers; their swords * are weapons of violence.
Context
3“Ruben, wo na woyɛ mʼabakan.
Wo na woyɛ me tumi ne mʼahoɔden nsɛnkyerɛnneɛ a ɛdi ɛkan a
ɛboro animuonyam ne tumi so. 4Woyɛ kirikiri sɛ asorɔkye, nanso worenkɔ so bio,
ɛfiri sɛ, woforoo wʼagya mpa ne ne yere kɔdaeɛ,
de guu mʼanim ase. 5“Simeon ne Lewi yɛ anuanom.
Wɔgyina hɔ ma basabasayɛ ne nsisie. 6Mma me nkɔka wɔn agyinatuo ho,
ɛfiri sɛ, wɔnam wɔn abufuo so akunkum nnipa,
na wɔkunkumm anantwie de gyee wɔn ani. 7Nnome nka wɔn abufuo, ɛfiri sɛ, ano yɛ den,
na ɛyɛ atirimuɔdensɛm!
Ɛno enti, mɛbɔ wɔn asefoɔ ahwete
Israelman mu nyinaa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.