1 Mose 49:29
Genesis 49:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yakob rebɛwuo no, ɔka kyerɛɛ wɔn hyɛɛ wɔn sɛ, “Aka kakraa bi, na wɔrebɛfa me akɔka me mpanimfoɔ ho. Sɛ mewu a, monsie me wɔ ɔboda a ɛwɔ Hetini Efron afuo a wɔsiee me mpanimfoɔ mu no mu.
Genesis 49:29 in English
Genesis 49:29 · Berean Standard Bible
Then Jacob instructed them, “I am about to be gathered to my people. Bury me with my fathers in the cave in the field of Ephron the Hittite.
Context
27“Benyamin yɛ pataku a ɔyɛ nam;
ɔbɔ aporɔ anɔpa, kye nʼahaboa we,
na ɛduru anwummerɛ a, ɔkyekyɛ ɛnam nkaeɛ no.” 28Yei ne nhyira a Israel mmusuakuo dumienu no agya de hyiraa wɔn; obiara ne sɛdeɛ ɛfata no. 29Yakob rebɛwuo no, ɔka kyerɛɛ wɔn hyɛɛ wɔn sɛ, “Aka kakraa bi, na wɔrebɛfa me akɔka me mpanimfoɔ ho. Sɛ mewu a, monsie me wɔ ɔboda a ɛwɔ Hetini Efron afuo a wɔsiee me mpanimfoɔ mu no mu. 30Ɛno ne ɔboda ne afuo a ɛwɔ Makpela, a ɛbɛn Mamrɛ a ɛwɔ Kanaan asase so no. Abraham tɔɔ saa ɔboda no firii Hetini Efron nkyɛn, de yɛɛ amusieeɛ. 31Saa ɔboda no mu na wɔsiee Abraham ne ne yere Sara. Ɛhɔ ara nso na wɔsiee Isak ne ne yere Rebeka, na mesiee Lea nso.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.