Native Bible

Genesis 49:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yei ne nhyira a Israel mmusuakuo dumienu no agya de hyiraa wɔn; obiara ne sɛdeɛ ɛfata no.

Genesis 49:28 in English

Genesis 49:28 · Berean Standard Bible

These are the tribes of Israel, twelve in all, and this was what their father said to them. He blessed them, and he blessed each one with a suitable blessing.

Context

26Wʼagya nhyira a wɔahyira no no bɛdɔɔso asene tete ntredee mmepɔ ne nkokoɔ a ɛtintim hɔ daa no so nnɔbaeɛ. Yeinom nyinaa mmra Yosef a ɔda mu fua a wɔpaa no firii ne nuanom mu no so. 27“Benyamin yɛ pataku a ɔyɛ nam; ɔbɔ aporɔ anɔpa, kye nʼahaboa we, na ɛduru anwummerɛ a, ɔkyekyɛ ɛnam nkaeɛ no.” 28Yei ne nhyira a Israel mmusuakuo dumienu no agya de hyiraa wɔn; obiara ne sɛdeɛ ɛfata no. 29Yakob rebɛwuo no, ɔka kyerɛɛ wɔn hyɛɛ wɔn sɛ, “Aka kakraa bi, na wɔrebɛfa me akɔka me mpanimfoɔ ho. Sɛ mewu a, monsie me wɔ ɔboda a ɛwɔ Hetini Efron afuo a wɔsiee me mpanimfoɔ mu no mu. 30Ɛno ne ɔboda ne afuo a ɛwɔ Makpela, a ɛbɛn Mamrɛ a ɛwɔ Kanaan asase so no. Abraham tɔɔ saa ɔboda no firii Hetini Efron nkyɛn, de yɛɛ amusieeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.