1 Mose 49:25
Genesis 49:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
esiane Onyankopɔn a wʼagya somm no a ɔboa wo no; Otumfoɔ a ɔde ɔsoro nhyira bɛhyira wo; nhyira a ɛfiri asase ase pɛɛ; nhyira a ɛfiri nufoɔ ne yafunu mu no.
Genesis 49:25 in English
Genesis 49:25 · Berean Standard Bible
by the God of your father who helps you, and by the Almighty * who blesses you, with blessings of the heavens above, with blessings of the depths below, with blessings of the breasts and womb.
Context
23Agyantofoɔ kaa no hyɛeɛ,
de abufuo to hyɛɛ ne so. 24Nanso, ne bɛma no gyinaa pintinn,
na ne basa mu yɛɛ den;
esiane Otumfoɔ Onyankopɔn a Yakob somm no no
a ɔyɛ odwanhwɛfoɔ ne Israel botantim no; 25esiane Onyankopɔn a wʼagya somm no a ɔboa wo no;
Otumfoɔ a ɔde ɔsoro nhyira bɛhyira wo;
nhyira a ɛfiri asase ase pɛɛ;
nhyira a ɛfiri nufoɔ ne yafunu mu no. 26Wʼagya nhyira a wɔahyira no no
bɛdɔɔso asene tete ntredee mmepɔ
ne nkokoɔ a ɛtintim hɔ daa no so nnɔbaeɛ.
Yeinom nyinaa mmra Yosef a ɔda mu fua
a wɔpaa no firii ne nuanom mu no so. 27“Benyamin yɛ pataku a ɔyɛ nam;
ɔbɔ aporɔ anɔpa, kye nʼahaboa we,
na ɛduru anwummerɛ a, ɔkyekyɛ ɛnam nkaeɛ no.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.