1 Mose 47:5
Genesis 47:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Wʼagya ne wo nuanom aba wo nkyɛn.
Genesis 47:5 in English
Genesis 47:5 · Berean Standard Bible
Pharaoh said to Joseph, “Now that your father and brothers have come to you,
Context
3Farao bisaa anuanom no sɛ, “Adwuma bɛn na moyɛ?”
Wɔbuaa no sɛ, “Wo nkoa yɛ nnwanhwɛfoɔ, sɛdeɛ na yɛn agyanom nso yɛ nnwanhwɛfoɔ no.” 4Anuanom no toaa so sɛ, “Yɛaba ha sɛ amamfrafoɔ a yɛrebɛtena ha kakra, ɛfiri sɛ, ɛkɔm no ano yɛ den yie wɔ Kanaan asase so hɔ, na wo nkoa nnwan nnya aduane nni. Enti, yɛresrɛ wo kwan na yɛatena Gosen asase so ha.” 5Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Wʼagya ne wo nuanom aba wo nkyɛn. 6Misraim asase nyinaa hyɛ wo nsa. Ma wʼagya ne wo nuammarima baabi pa na wɔntena. Ma wɔntena Gosen asase so. Sɛ wonim wɔn mu bi a wɔwɔ mmoayɛn ho nimdeɛ a, ma wɔnhwɛ me nnwan so mma me.” 7Afei, Yosef kɔfaa nʼagya Yakob de no bɛkyiaa Farao maa Yakob hyiraa no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.