Native Bible

Genesis 47:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Farao bisaa anuanom no sɛ, “Adwuma bɛn na moyɛ?” Wɔbuaa no sɛ, “Wo nkoa yɛ nnwanhwɛfoɔ, sɛdeɛ na yɛn agyanom nso yɛ nnwanhwɛfoɔ no.”

Genesis 47:3 in English

Genesis 47:3 · Berean Standard Bible

“What is your occupation?” Pharaoh asked Joseph’s brothers. “Your servants are shepherds,” they replied, “both we and our fathers.”

Context

1Yakob mma no bɛduruu Misraim asase so no, Yosef kɔka kyerɛɛ Farao sɛ, “Mʼagya ne me nuanom no de wɔn nnwan ne wɔn anantwie ne wɔn agyapadeɛ nyinaa firi Kanaan asase so aba, na wɔwɔ Gosen asase so”. 2Yosef yii ne nuammarima no mu baanum de wɔn kɔkyeaa Farao. 3Farao bisaa anuanom no sɛ, “Adwuma bɛn na moyɛ?” Wɔbuaa no sɛ, “Wo nkoa yɛ nnwanhwɛfoɔ, sɛdeɛ na yɛn agyanom nso yɛ nnwanhwɛfoɔ no.” 4Anuanom no toaa so sɛ, “Yɛaba ha sɛ amamfrafoɔ a yɛrebɛtena ha kakra, ɛfiri sɛ, ɛkɔm no ano yɛ den yie wɔ Kanaan asase so hɔ, na wo nkoa nnwan nnya aduane nni. Enti, yɛresrɛ wo kwan na yɛatena Gosen asase so ha.” 5Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Wʼagya ne wo nuanom aba wo nkyɛn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.