1 Mose 47:13
Genesis 47:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na aduane nni hɔ baabiara, ɛfiri sɛ, na ɛkɔm a aba no ano ayɛ den yie. Saa ɛkɔm yi kaa Misraim ne Kanaan asase nyinaa maa emu nnipa ne mfudeɛ twintwameeɛ.
Genesis 47:13 in English
Genesis 47:13 · Berean Standard Bible
There was no food, however, in all that region, because the famine was so severe; the lands of Egypt and Canaan had been exhausted by the famine.
Context
11Enti, Yosef bɔɔ nʼagya ne ne nuanom no atenaseɛ wɔ Misraim asase so. Ɔmaa wɔn agyapadeɛ wɔ asase no fa baabi a ɛyɛ pa ara wɔ Rameses mansini mu, sɛdeɛ Farao hyɛeɛ no. 12Yosef maa nʼagya ne ne nuanom no aduane sɛdeɛ wɔn mma dodoɔ te. 13Na aduane nni hɔ baabiara, ɛfiri sɛ, na ɛkɔm a aba no ano ayɛ den yie. Saa ɛkɔm yi kaa Misraim ne Kanaan asase nyinaa maa emu nnipa ne mfudeɛ twintwameeɛ. 14Yosef prapraa Misraim ne Kanaan asase so sika nyinaa a ɔnya firii aduanetɔn no mu no baa Farao ahemfie. 15Ɛberɛ a nnipa a wɔwɔ Misraim ne Kanaan asase so ho sika nyinaa saeɛ no, Misraim nnipa nyinaa baa Yosef nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛn ho sika nyinaa asa, enti ma yɛn aduane nni! Adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛwuwu?”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.