1 Mose 47:12
Genesis 47:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yosef maa nʼagya ne ne nuanom no aduane sɛdeɛ wɔn mma dodoɔ te.
Genesis 47:12 in English
Genesis 47:12 · Berean Standard Bible
Joseph also provided his father and brothers and all his father’s household with food for their families.
Context
10Na Yakob hyiraa Farao, na ɔfirii nʼanim kɔeɛ. 11Enti, Yosef bɔɔ nʼagya ne ne nuanom no atenaseɛ wɔ Misraim asase so. Ɔmaa wɔn agyapadeɛ wɔ asase no fa baabi a ɛyɛ pa ara wɔ Rameses mansini mu, sɛdeɛ Farao hyɛeɛ no. 12Yosef maa nʼagya ne ne nuanom no aduane sɛdeɛ wɔn mma dodoɔ te. 13Na aduane nni hɔ baabiara, ɛfiri sɛ, na ɛkɔm a aba no ano ayɛ den yie. Saa ɛkɔm yi kaa Misraim ne Kanaan asase nyinaa maa emu nnipa ne mfudeɛ twintwameeɛ. 14Yosef prapraa Misraim ne Kanaan asase so sika nyinaa a ɔnya firii aduanetɔn no mu no baa Farao ahemfie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.