1 Mose 47:15
Genesis 47:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛberɛ a nnipa a wɔwɔ Misraim ne Kanaan asase so ho sika nyinaa saeɛ no, Misraim nnipa nyinaa baa Yosef nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛn ho sika nyinaa asa, enti ma yɛn aduane nni! Adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛwuwu?”
Genesis 47:15 in English
Genesis 47:15 · Berean Standard Bible
When the money from the lands of Egypt and Canaan was gone, all the Egyptians came to Joseph and said, “Give us food. Why should we die before your eyes? For our funds have run out!”
Context
13Na aduane nni hɔ baabiara, ɛfiri sɛ, na ɛkɔm a aba no ano ayɛ den yie. Saa ɛkɔm yi kaa Misraim ne Kanaan asase nyinaa maa emu nnipa ne mfudeɛ twintwameeɛ. 14Yosef prapraa Misraim ne Kanaan asase so sika nyinaa a ɔnya firii aduanetɔn no mu no baa Farao ahemfie. 15Ɛberɛ a nnipa a wɔwɔ Misraim ne Kanaan asase so ho sika nyinaa saeɛ no, Misraim nnipa nyinaa baa Yosef nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛn ho sika nyinaa asa, enti ma yɛn aduane nni! Adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛwuwu?” 16Yosef buaa wɔn sɛ, “Sɛ mo sika asa deɛ a, momfa mo nnwan ne mo anantwie mmra mmɛgye aduane.” 17Enti, wɔde wɔn mmoa no brɛɛ Yosef. Mmoa a wɔde wɔn bɛsesaa aduane no yɛ apɔnkɔ, nnwan, mpɔnkye, anantwie ne mfunumu. Saa afe no mu no, wɔde wɔn mmoa nyinaa bɛsesaa aduane.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.