Native Bible

Genesis 46:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yeinom nso ne Silpa, afenaa a Laban de no maa ne babaa Lea a ɔno nso de no maa ne kunu Yakob wareeɛ no mma. Wɔn nyinaa dodoɔ ano si nnipa dunsia.

Genesis 46:18 in English

Genesis 46:18 · Berean Standard Bible

These are the sons of Jacob born to Zilpah—whom Laban gave to his daughter Leah—sixteen in all.

Context

16Gad nso mma din na ɛdidi so yi: Sifion, Hagi, Suni, Esbon, Eri, Arodi ne Areli. 17Aser nso mma din na ɛdidi so yi: Yimna, Isua, Isui ne Beria ne wɔn nuabaa Sera. Beria nso mma yɛ: Heber ne Malkiel. 18Yeinom nso ne Silpa, afenaa a Laban de no maa ne babaa Lea a ɔno nso de no maa ne kunu Yakob wareeɛ no mma. Wɔn nyinaa dodoɔ ano si nnipa dunsia. 19Yakob yere Rahel mma yɛ: Yosef ne Benyamin. 20Yosef ne ne yere Asnat, a ɔyɛ Potifera a ɔyɛ On bosomfoɔ babaa woo Manase ne Efraim wɔ Misraim.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.