1 Mose 44:11
Genesis 44:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Anuanom no nyinaa yiyii wɔn nnesoa no firii mfunumu no so, guu fam, sane sanee wɔn nkotokuo no ano.
Genesis 44:11 in English
Genesis 44:11 · Berean Standard Bible
So each one quickly lowered his sack to the ground and opened it.
Context
9Sɛ wohunu saa kuruwa no wɔ wo nkoa no biara nkyɛn a, okum na ɛsɛ sɛ wokum saa onipa no. Na sɛ ɛba saa nso a, yɛn nyinaa bɛyɛ wo wura nkoa afebɔɔ.” 10Ɔsomfoɔ no buaa sɛ, “Ɛyɛ, na deɛ ɔwiaeɛ no nko na ɔbɛyɛ mʼakoa. Na mo a moaka no bɛfa mo ho adi.” 11Anuanom no nyinaa yiyii wɔn nnesoa no firii mfunumu no so, guu fam, sane sanee wɔn nkotokuo no ano. 12Afei, ɔsomfoɔ panin no firii aseɛ, hwehwɛɛ wɔn nkotokuo no mu firi ɔpanin no so kɔsii akumaa no so. Wɔhunuu kuruwa no wɔ Benyamin kotokuo no mu. 13Ɛbaa saa no, anuanom no sunsuanee wɔn ntadeɛ mu. Afei, wɔn nyinaa sane hyehyɛɛ wɔn nnesoa no wɔ wɔn mfunumu no so, sanee wɔn akyiri, kɔɔ kuro no mu bio.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.