1 Mose 44:12
Genesis 44:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, ɔsomfoɔ panin no firii aseɛ, hwehwɛɛ wɔn nkotokuo no mu firi ɔpanin no so kɔsii akumaa no so. Wɔhunuu kuruwa no wɔ Benyamin kotokuo no mu.
Genesis 44:12 in English
Genesis 44:12 · Berean Standard Bible
The steward searched, beginning with the oldest and ending with the youngest—and the cup was found in Benjamin’s sack.
Context
10Ɔsomfoɔ no buaa sɛ, “Ɛyɛ, na deɛ ɔwiaeɛ no nko na ɔbɛyɛ mʼakoa. Na mo a moaka no bɛfa mo ho adi.” 11Anuanom no nyinaa yiyii wɔn nnesoa no firii mfunumu no so, guu fam, sane sanee wɔn nkotokuo no ano. 12Afei, ɔsomfoɔ panin no firii aseɛ, hwehwɛɛ wɔn nkotokuo no mu firi ɔpanin no so kɔsii akumaa no so. Wɔhunuu kuruwa no wɔ Benyamin kotokuo no mu. 13Ɛbaa saa no, anuanom no sunsuanee wɔn ntadeɛ mu. Afei, wɔn nyinaa sane hyehyɛɛ wɔn nnesoa no wɔ wɔn mfunumu no so, sanee wɔn akyiri, kɔɔ kuro no mu bio. 14Ɛberɛ a Yuda ne ne nuanom no kɔduruu kuro no mu hɔ no, na Yosef da so wɔ ne fie hɔ. Enti, wɔn nyinaa totoo wɔn ho guu fam wɔ nʼanim.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.