1 Mose 41:28
Genesis 41:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Enti, Onyankopɔn akyerɛ wo deɛ ɔrebɛyɛ.
Genesis 41:28 in English
Genesis 41:28 · Berean Standard Bible
It is just as I said to Pharaoh: God has shown Pharaoh what He is about to do.
Context
26Anantwie nson a wɔadodɔre sradeɛ no ne ɛmo siaka nson a ɛyɛ fɛ, na ɛwɔ ahoɔden no nso, ase kyerɛ sɛ, mfeɛ nson a ɛdi anim a ɛreba no bɛyɛ mfeɛ pa ama ɔman no. 27Anantwie nson a wɔafonfɔn, na wɔayeyɛ kanyakanya no ne ɛmo siaka nson a akusa ayeyɛ ntweantweaa no nso kyerɛ sɛ, mfeɛ pa nson no akyiri no, ɛkɔm bɛba mfeɛ nson. 28“Enti, Onyankopɔn akyerɛ wo deɛ ɔrebɛyɛ. 29Mfeɛ nson a ɛdi ɛkan no, aduane bɛbu wɔ Misraim asase so nyinaa. 30Nanso, akyire no, ɛkɔm kɛseɛ bi bɛba mfeɛ nson, ama nnipa werɛ afiri asetena pa a wɔnyaa no mfeɛ nson a ɛdi ɛkan no mu no. Ɛkɔm bɛmene asase no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.