Native Bible

Genesis 41:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Anantwie nson a wɔadodɔre sradeɛ no ne ɛmo siaka nson a ɛyɛ fɛ, na ɛwɔ ahoɔden no nso, ase kyerɛ sɛ, mfeɛ nson a ɛdi anim a ɛreba no bɛyɛ mfeɛ pa ama ɔman no.

Genesis 41:26 in English

Genesis 41:26 · Berean Standard Bible

The seven good cows are seven years, and the seven ripe heads of grain are seven years. The dreams have the same meaning.

Context

24Ɛmo ntweantweaa no memenee ɛmo nson a ɛyɛ fɛ na ɛwɔ ahoɔden no. Mekaa me daeɛ no nyinaa kyerɛɛ nkonyaayifoɔ no, wɔn mu biara antumi ankyerɛ me aseɛ.” 25Ɛnna Yosef ka kyerɛɛ Farao sɛ, “Wo daeɛ mmienu a wososoeɛ no nyinaa nkyerɛaseɛ yɛ pɛ. Onyankopɔn nam wo daeɛ no so, reda biribi a ɔrebɛma asi wɔ Misraim asase so no adi akyerɛ wo. 26Anantwie nson a wɔadodɔre sradeɛ no ne ɛmo siaka nson a ɛyɛ fɛ, na ɛwɔ ahoɔden no nso, ase kyerɛ sɛ, mfeɛ nson a ɛdi anim a ɛreba no bɛyɛ mfeɛ pa ama ɔman no. 27Anantwie nson a wɔafonfɔn, na wɔayeyɛ kanyakanya no ne ɛmo siaka nson a akusa ayeyɛ ntweantweaa no nso kyerɛ sɛ, mfeɛ pa nson no akyiri no, ɛkɔm bɛba mfeɛ nson. 28“Enti, Onyankopɔn akyerɛ wo deɛ ɔrebɛyɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.