Native Bible

Genesis 37:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ruben a ɔyɛ wɔn nua panin tee saa asɛm yi no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛgye Yosef nkwa. Ɔkaa sɛ, “Mommma yɛnkum no.

Genesis 37:21 in English

Genesis 37:21 · Berean Standard Bible

When Reuben heard this, he tried to rescue Joseph from their hands. “Let us not take his life,” he said.

Context

19Wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Monhwɛ! Ɔdaeɛsofoɔ no na ɔreba no! 20Mommra seesei ara, na yɛnkum no, na yɛnto no ntwene amena no bi mu, na yɛnkɔka nkyerɛ yɛn agya sɛ, aboa bi akye no awe, na yɛnhwɛ sɛ biribi bɛfiri ne daeɛ ahodoɔ no mu aba anaa.” 21Ruben a ɔyɛ wɔn nua panin tee saa asɛm yi no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛgye Yosef nkwa. Ɔkaa sɛ, “Mommma yɛnkum no. 22Monnhwie mogya ngu. Momma yɛnto no ntwene amena a ɛwɔ ɛserɛ yi so no bi mu. Na mommma yɛmfa yɛn nsa nka no.” Ruben kaa saa asɛm yi de gyee no firii wɔn nsam, sɛdeɛ ɔbɛnya ɛkwan de no akɔhyɛ wɔn agya nsa. 23Yosef bɛduruu ne nuammarimanom no nkyɛn no, wɔworɔɔ ne batakari fɛfɛ a ɛhyɛ no no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.