Native Bible

Genesis 36:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yeinom ne Esau a ɔyɛ Edomfoɔ agya no asefoɔ a wɔwoo wɔn maa no ɛberɛ a na ɔwɔ Seir bepɔ so no.

Genesis 36:9 in English

Genesis 36:9 · Berean Standard Bible

This is the account of Esau, the father of the Edomites, in the area of Mount Seir.

Context

7Ɛfiri sɛ, na wɔn ahonyadeɛ no dɔɔso sɛ ɔne ne nua Yakob bɛtumi atena faako. Na wɔn mmoa dodoɔ enti, wɔn baanu no nsene asase a wɔte so no so. 8Ɛno enti, Esau a wɔfrɛ no Edom no kɔbɔɔ nʼatenaeɛ wɔ Seir bepɔ so. 9Yeinom ne Esau a ɔyɛ Edomfoɔ agya no asefoɔ a wɔwoo wɔn maa no ɛberɛ a na ɔwɔ Seir bepɔ so no. 10Esau mmammarima no din na ɛdidi so yi: Elifas, a ɔyɛ Esau yere panin Ada babarima ne Reuel a ɔyɛ Basmat babarima. 11Elifas nso mmammarima din na ɛdidi so yi: Teman, Omar, Sefo, Gatam ne Kenas.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.