1 Mose 36:38
Genesis 36:38 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Saulo wuiɛ no, Akbor babarima Baal-Hanan bɛdii ɔhene.
Genesis 36:38 in English
Genesis 36:38 · Berean Standard Bible
When Shaul died, Baal-hanan son of Achbor reigned in his place.
Context
36Hadad wuiɛ no, Samla a ɔfiri Masreka kuropɔn mu bɛyɛɛ ɔhene. 37Samla wuiɛ no, Saulo a ɔfiri Rehobot a ɛda asuo Eufrate ho no bɛdii ɔhene. 38Na Saulo wuiɛ no, Akbor babarima Baal-Hanan bɛdii ɔhene. 39Akbor babarima Baal-Hanan nso wuiɛ no, Hadad bɛdii nʼadeɛ, tenaa nʼahennwa so sɛ ɔhempɔn. Na ɔhene Hadad ahenkuro no din de Pau, ɛnna ne yere nso din de Mehetabel a ɔyɛ Matred babaa ne Me-Sahab nso nana. 40Sɛdeɛ wɔn a wɔdidi so yi a wɔyɛ Esau asefoɔ no mmusua ne wɔn tenabea te nie:
Timna abusua, Alwa abusua, Yetet abusua,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.