Native Bible

Genesis 36:31 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yeinom ne nnipa a wɔdii ɛkan dii ɔhene wɔ Edom asase so ansa na Israelni biara rebɛdi Israel mma so ɔhene:

Genesis 36:31 in English

Genesis 36:31 · Berean Standard Bible

These are the kings who reigned in the land of Edom before any king reigned over the Israelites:*

Context

29Yeinom ne Horifoɔ nnipa atitire: Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, 30Dison, Eser ne Disan. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne Horifoɔ nnipa atitire a ɛberɛ a na wɔwɔ Seir asase so no, wɔdii wɔn mmusua no so. 31Yeinom ne nnipa a wɔdii ɛkan dii ɔhene wɔ Edom asase so ansa na Israelni biara rebɛdi Israel mma so ɔhene: 32Bela a ɔyɛ Beor babarima bɛdii ɔhene wɔ Edom asase so. Na nʼahenkuro din de Dinhaba. 33Na Bela wuiɛ no, Serah babarima Yobab a ɔfiri Bosra bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.