Native Bible

Genesis 36:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na yeinom ne Sibeon mmammarima: Aya ne Ana. Saa Ana yi ne abarimaa a, ɛberɛ bi ɔde nʼagya Sibeon mfunumu kɔɔ adidi wɔ ɛserɛ no so a ɔkɔhunuu asuo aniwa bi a na nsuohyeɛ firi mu ba no.

Genesis 36:24 in English

Genesis 36:24 · Berean Standard Bible

These are the sons of Zibeon: Aiah and Anah. (This is the Anah who found the hot springs in the wilderness as he was pasturing the donkeys of his father Zibeon.)

Context

22Lotan mmammarima ne yeinom: Hori ne Homam. Na Timna yɛ Lotan nuabaa. 23Sobal nso mmammarima ne yeinom: Alwan, Manahat, Ebal, Sefo ne Onam. 24Na yeinom ne Sibeon mmammarima: Aya ne Ana. Saa Ana yi ne abarimaa a, ɛberɛ bi ɔde nʼagya Sibeon mfunumu kɔɔ adidi wɔ ɛserɛ no so a ɔkɔhunuu asuo aniwa bi a na nsuohyeɛ firi mu ba no. 25Ana mma nie: Dison ne Oholibama a ɔyɛ Ana babaa no. 26Dison mmammarima nie: Hemdan, Esban, Yitran ne Keran.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.