1 Mose 36:12
Genesis 36:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Esau babarima Elifas nso wɔ mpena bi a ne din de Timna a ɔne no woo ba a wɔfrɛ no Amalek. Edin a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Ada nananom.
Genesis 36:12 in English
Genesis 36:12 · Berean Standard Bible
Additionally, Timna, a concubine of Esau’s son Eliphaz, gave birth to Amalek. These are the grandsons of Esau’s wife Adah.
Context
10Esau mmammarima no din na ɛdidi so yi:
Elifas, a ɔyɛ Esau yere panin Ada babarima ne Reuel a ɔyɛ Basmat babarima. 11Elifas nso mmammarima din na ɛdidi so yi:
Teman, Omar, Sefo, Gatam ne Kenas. 12Na Esau babarima Elifas nso wɔ mpena bi a ne din de Timna a ɔne no woo ba a wɔfrɛ no Amalek. Edin a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Ada nananom. 13Reuel mmammarima din na ɛdidi so yi:
Nahat, Serah, Sama ne Misa. Saa edin a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Basmat nso nananom. 14Esau yere Oholibama a ɔyɛ Ana babaa, na ɔsane yɛ Sibeon nana no mmammarima a ɔwoo wɔn maa Esau no ne yeinom:
Yeus, Yalam ne Kora.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.