1 Mose 36:14
Genesis 36:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Esau yere Oholibama a ɔyɛ Ana babaa, na ɔsane yɛ Sibeon nana no mmammarima a ɔwoo wɔn maa Esau no ne yeinom: Yeus, Yalam ne Kora.
Genesis 36:14 in English
Genesis 36:14 · Berean Standard Bible
These are the sons of Esau’s wife Oholibamah (daughter of Anah and granddaughter of Zibeon) whom she bore to Esau: Jeush, Jalam, and Korah.
Context
12Na Esau babarima Elifas nso wɔ mpena bi a ne din de Timna a ɔne no woo ba a wɔfrɛ no Amalek. Edin a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Ada nananom. 13Reuel mmammarima din na ɛdidi so yi:
Nahat, Serah, Sama ne Misa. Saa edin a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Basmat nso nananom. 14Esau yere Oholibama a ɔyɛ Ana babaa, na ɔsane yɛ Sibeon nana no mmammarima a ɔwoo wɔn maa Esau no ne yeinom:
Yeus, Yalam ne Kora. 15Yeinom ne Esau asefoɔ no mu atitire:
Elifas a ɔyɛ Esau abakan no nso mmammarima din na ɛdidi so yi:
Atitire Teman, Omar, Sefo, Kenas, 16Kora, Gatam ne Amalek. Saa edin a wɔabobɔ yi ne Elifas a ɔyɛ Esau abakan no asefoɔ atitire a wɔwowoo wɔn wɔ Edom asase so. Na saa atitire yi yɛ Ada nananom.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.