1 Mose 35:13
Genesis 35:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yei akyiri no, Onyankopɔn firii beaeɛ a na ɔne Yakob rekasa hɔ no kɔɔ ɔsoro.
Genesis 35:13 in English
Genesis 35:13 · Berean Standard Bible
Then God went up from the place where He had spoken with him.
Context
11Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Mene Onyankopɔn tumfoɔ no. Wʼase nnɔre, na wʼase mfɛe. Ɔman ne aman asafo bɛfiri wo mu aba. Saa ara na ahemfo nso bɛfiri wo mu aba. 12Mede asase a mede maa Abraham ne Isak no bɛma wo. Aane, mede saa asase korɔ yi ara bɛma wʼasefoɔ.” 13Yei akyiri no, Onyankopɔn firii beaeɛ a na ɔne Yakob rekasa hɔ no kɔɔ ɔsoro. 14Afei, Yakob sii ɔbodum wɔ hɔ, hwiee afɔresa guu so, de bɔɔ Onyankopɔn afɔdeɛ. Ɔsane de afɔrengo sraa odum no ho. 15Yakob too beaeɛ a Onyankopɔn ne no kasaeɛ no Bet-El, a asekyerɛ ne Onyankopɔn fie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.