1 Mose 34:17
Genesis 34:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ moampene so amma wɔantwitwa mo twetia deɛ a, yɛbɛgye yɛn nuabaa de no akɔ.”
Genesis 34:17 in English
Genesis 34:17 · Berean Standard Bible
But if you will not agree to be circumcised, then we will take our sister and go.”
Context
15Ansa na yɛde yɛn nuabaa bɛma wo awadeɛ no, gye sɛ woatwitwa wo mmarima nyinaa twetia te sɛ yɛn. 16Sɛ moyɛ saa deɛ a, yɛne mo bɛdi awadeɛ. Mobɛware yɛn mmaa, na yɛn nso, yɛaware mo mmaa. Yɛne mo bɛtena fɛfɛɛfɛ sɛ nnipa baako. 17Sɛ moampene so amma wɔantwitwa mo twetia deɛ a, yɛbɛgye yɛn nuabaa de no akɔ.” 18Asɛm a wɔkaeɛ no tɔɔ Hamor ne ne ba Sekem asom. 19Sekem a na ɔyɛ aberanteɛ a ɔdi mu wɔ nʼagya mma nyinaa mu no antwentwɛn ne nan ase koraa. Ɔkɔtwaa twetia no, sɛdeɛ Yakob mma no kaeɛ no, ɛfiri sɛ, na ɔpɛ Yakob babaa no yie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.