1 Mose 34:16
Genesis 34:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ moyɛ saa deɛ a, yɛne mo bɛdi awadeɛ. Mobɛware yɛn mmaa, na yɛn nso, yɛaware mo mmaa. Yɛne mo bɛtena fɛfɛɛfɛ sɛ nnipa baako.
Genesis 34:16 in English
Genesis 34:16 · Berean Standard Bible
Then we will give you our daughters and take your daughters for ourselves. We will dwell among you and become one people.
Context
14Yakob mmammarima no ka kyerɛɛ Sekem ne nʼagya Hamor sɛ, “Yɛrentumi mfa yɛn nuabaa mma ɔbarima a ɔntwaa twetia awadeɛ. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛagu yɛn ho anim ase. 15Ansa na yɛde yɛn nuabaa bɛma wo awadeɛ no, gye sɛ woatwitwa wo mmarima nyinaa twetia te sɛ yɛn. 16Sɛ moyɛ saa deɛ a, yɛne mo bɛdi awadeɛ. Mobɛware yɛn mmaa, na yɛn nso, yɛaware mo mmaa. Yɛne mo bɛtena fɛfɛɛfɛ sɛ nnipa baako. 17Sɛ moampene so amma wɔantwitwa mo twetia deɛ a, yɛbɛgye yɛn nuabaa de no akɔ.” 18Asɛm a wɔkaeɛ no tɔɔ Hamor ne ne ba Sekem asom.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.