Native Bible

Genesis 34:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yakob mmammarima no ka kyerɛɛ Sekem ne nʼagya Hamor sɛ, “Yɛrentumi mfa yɛn nuabaa mma ɔbarima a ɔntwaa twetia awadeɛ. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛagu yɛn ho anim ase.

Genesis 34:14 in English

Genesis 34:14 · Berean Standard Bible

“We cannot do such a thing,” they said. “To give our sister to an uncircumcised man would be a disgrace to us.

Context

12Ɔbaa no ti adeɛ ne biribiara a mobɛgye aka ho no, mommɔ ɛboɔ biara a mopɛ, na mɛtua. Deɛ ɛhia me ara ne sɛ, mode ababaawa no bɛma me aware.” 13Esiane sɛ na Sekem agu wɔn nuabaa Dina ho fi no enti, mmuaeɛ a wɔmaa Sekem ne nʼagya Hamor no anyɛ nokorɛ. Na mmom, na wɔwɔ adwene foforɔ bi wɔ akyire. 14Yakob mmammarima no ka kyerɛɛ Sekem ne nʼagya Hamor sɛ, “Yɛrentumi mfa yɛn nuabaa mma ɔbarima a ɔntwaa twetia awadeɛ. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛagu yɛn ho anim ase. 15Ansa na yɛde yɛn nuabaa bɛma wo awadeɛ no, gye sɛ woatwitwa wo mmarima nyinaa twetia te sɛ yɛn. 16Sɛ moyɛ saa deɛ a, yɛne mo bɛdi awadeɛ. Mobɛware yɛn mmaa, na yɛn nso, yɛaware mo mmaa. Yɛne mo bɛtena fɛfɛɛfɛ sɛ nnipa baako.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.