Native Bible

Genesis 34:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Esiane sɛ na Sekem agu wɔn nuabaa Dina ho fi no enti, mmuaeɛ a wɔmaa Sekem ne nʼagya Hamor no anyɛ nokorɛ. Na mmom, na wɔwɔ adwene foforɔ bi wɔ akyire.

Genesis 34:13 in English

Genesis 34:13 · Berean Standard Bible

But because Shechem had defiled their sister Dinah, Jacob’s sons answered him and his father Hamor deceitfully.

Context

11Afei, Sekem ka kyerɛɛ Dina agya ne ne nuammarima no sɛ “Monnye me ntom. Biribiara a mobɛgye me no, mɛtua. 12Ɔbaa no ti adeɛ ne biribiara a mobɛgye aka ho no, mommɔ ɛboɔ biara a mopɛ, na mɛtua. Deɛ ɛhia me ara ne sɛ, mode ababaawa no bɛma me aware.” 13Esiane sɛ na Sekem agu wɔn nuabaa Dina ho fi no enti, mmuaeɛ a wɔmaa Sekem ne nʼagya Hamor no anyɛ nokorɛ. Na mmom, na wɔwɔ adwene foforɔ bi wɔ akyire. 14Yakob mmammarima no ka kyerɛɛ Sekem ne nʼagya Hamor sɛ, “Yɛrentumi mfa yɛn nuabaa mma ɔbarima a ɔntwaa twetia awadeɛ. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛagu yɛn ho anim ase. 15Ansa na yɛde yɛn nuabaa bɛma wo awadeɛ no, gye sɛ woatwitwa wo mmarima nyinaa twetia te sɛ yɛn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.