1 Mose 33:4
Genesis 33:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Esau tuu mmirika kɔhyiaa Yakob, yɛɛ no atuu. Ɔbam Yakob, fee nʼano. Na wɔn baanu nyinaa suiɛ.
Genesis 33:4 in English
Genesis 33:4 · Berean Standard Bible
Esau, however, ran to him and embraced him, threw his arms around his neck, and kissed him. And they both wept.
Context
2Ɔmaa asomfoɔ no ne wɔn mma dii ɛkan. Lea ne ne mma nso dii hɔ. Ɛnna Rahel ne ne ba Yosef nso dii akyire. 3Yakob deɛ, ɔdii wɔn anim. Ɔreyɛ abɛn ne nua Esau no, ɔbɔɔ ne mu ase mprɛnson. 4Esau tuu mmirika kɔhyiaa Yakob, yɛɛ no atuu. Ɔbam Yakob, fee nʼano. Na wɔn baanu nyinaa suiɛ. 5Afei, Esau maa nʼani so hunuu mmaa no ne mmɔfra no. Ɔbisaa Yakob sɛ, “Yeinom yɛ ɛhefoɔ?”
Ɔbuaa sɛ, “Wɔyɛ mma a Onyankopɔn de wɔn adom me a meyɛ wʼakoa.” 6Afei, Yakob asomfoɔ ne wɔn mma twe bɛn Esau bɛkotoo no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.