1 Mose 33:6
Genesis 33:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, Yakob asomfoɔ ne wɔn mma twe bɛn Esau bɛkotoo no.
Genesis 33:6 in English
Genesis 33:6 · Berean Standard Bible
Then the maidservants and their children approached and bowed down.
Context
4Esau tuu mmirika kɔhyiaa Yakob, yɛɛ no atuu. Ɔbam Yakob, fee nʼano. Na wɔn baanu nyinaa suiɛ. 5Afei, Esau maa nʼani so hunuu mmaa no ne mmɔfra no. Ɔbisaa Yakob sɛ, “Yeinom yɛ ɛhefoɔ?”
Ɔbuaa sɛ, “Wɔyɛ mma a Onyankopɔn de wɔn adom me a meyɛ wʼakoa.” 6Afei, Yakob asomfoɔ ne wɔn mma twe bɛn Esau bɛkotoo no. 7Saa ara na Lea ne ne mma nso bɛkotoo no. Afei, Yosef ne ne maame Rahel nso ba bɛkotoo no. 8Esau bisaa sɛ, “Nnwan ne anantwie ne mmoa bebrebe a wɔsa so reba yi nso, aseɛ ne sɛn?”
Yakob buaa sɛ, “Me wura, ɛyɛ akyɛdeɛ a mede rebrɛ wo, na manya wʼanim animuonyam.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.