Native Bible

Genesis 31:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Woamma mankyeakyea me nananom ne me mmammaa yi nsam mpo, amfa annya wɔn kwan. Woadi nkwaseasɛm.

Genesis 31:28 in English

Genesis 31:28 · Berean Standard Bible

But you did not even let me kiss my grandchildren and my daughters goodbye. Now you have done a foolish thing.

Context

26Afei, Laban kɔɔ Yakob nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Woadaadaa me. Asɛm bɛn na wode adi me yi? Woakyekyere me mmammaa de wɔn redwane te sɛ nnommumfoɔ. 27Adɛn enti na wodaadaa me, na wodwane firii me nkyɛn a woankra? Sɛ wokraa me a, anka mɛto wo ɛpono, na mama nnipa abɛbɔ sankuo, ato nnwom wɔ apontoɔ no ase, de agya wo kwan. 28Woamma mankyeakyea me nananom ne me mmammaa yi nsam mpo, amfa annya wɔn kwan. Woadi nkwaseasɛm. 29Mewɔ tumi sɛ anka meyɛ wo bɔne, nanso, nnora anadwo, Onyankopɔn a wo agya somm no no ka kyerɛɛ me wɔ daeɛ mu sɛ, ‘Hwɛ yie na woanka asɛm biara, sɛ ɛyɛ asɛm pa anaa asɛmmɔne, ankyerɛ Yakob.’ 30Esiane sɛ wʼani agyina wo agya fie enti, na ɛsɛ sɛ wokɔ ara, na adɛn enti na wowiaa mʼabosom, de kaa wo nneɛma ho?”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.