Native Bible

Genesis 31:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, Laban kɔɔ Yakob nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Woadaadaa me. Asɛm bɛn na wode adi me yi? Woakyekyere me mmammaa de wɔn redwane te sɛ nnommumfoɔ.

Genesis 31:26 in English

Genesis 31:26 · Berean Standard Bible

Then Laban said to Jacob, “What have you done? You have deceived me and carried off my daughters like captives of war!

Context

24Saa ɛda no ara anadwo, Onyankopɔn yii ne ho adi wɔ daeɛ mu kyerɛɛ Aramni Laban. Ɔka kyerɛɛ no wɔ daeɛ no mu sɛ, “Hwɛ yie na woankɔka asɛm biara, sɛ ɛyɛ asɛm pa anaa asɛmmɔne ankyerɛ Yakob.” 25Ɛberɛ a Laban ne ne fiefoɔ kɔtoo Yakob no, na Yakob asisi ne ntomadan wɔ bepɔ Gilead atifi. Laban ne ne fiefoɔ no nso sisii wɔn ntomadan wɔ bepɔ no ayaase. 26Afei, Laban kɔɔ Yakob nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Woadaadaa me. Asɛm bɛn na wode adi me yi? Woakyekyere me mmammaa de wɔn redwane te sɛ nnommumfoɔ. 27Adɛn enti na wodaadaa me, na wodwane firii me nkyɛn a woankra? Sɛ wokraa me a, anka mɛto wo ɛpono, na mama nnipa abɛbɔ sankuo, ato nnwom wɔ apontoɔ no ase, de agya wo kwan. 28Woamma mankyeakyea me nananom ne me mmammaa yi nsam mpo, amfa annya wɔn kwan. Woadi nkwaseasɛm.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.