Native Bible

Genesis 30:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Fa me yerenom ne me mma a wɔn enti mebɛsom wo no ka ho. Wʼankasa ara wonim ɔsom pa a masom wo.”

Genesis 30:26 in English

Genesis 30:26 · Berean Standard Bible

Give me my wives and children for whom I have served you, that I may go on my way. You know how hard I have worked for you.”

Context

24Rahel too ne ba no edin Yosef a asekyerɛ ne “Awurade mfa ɔbabarima baako nka me ho.” 25Rahel woo Yosef no, ankyɛre na ɛda koro bi, Yakob ka kyerɛɛ Laban sɛ, “Mepɛ sɛ mesane kɔ mʼankasa mʼasase so ne me fie enti, mesrɛ wo, gya me ɛkwan na menkɔ, 26Fa me yerenom ne me mma a wɔn enti mebɛsom wo no ka ho. Wʼankasa ara wonim ɔsom pa a masom wo.” 27Laban buaa sɛ, “Mesrɛ wo, nkɔ nnya me. Makɔ abisa ahunu sɛ, nhyira dodoɔ a manya yi nyinaa firi te a wote me nkyɛn yi so.” 28Laban ka kaa ho sɛ, “Kyerɛ me akatua biara a wobɛgye, na mɛtua.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.