1 Mose 28:7
Genesis 28:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yakob tiee nʼagya ne ne maame afotuo no siim kɔɔ Paddan-Aram.
Genesis 28:7 in English
Genesis 28:7 · Berean Standard Bible
and that Jacob had obeyed his father and mother and gone to Paddan-aram.
Context
5Sɛdeɛ Isak gyaa ne ba Yakob ɛkwan nie: Yakob kɔɔ Laban a ɔyɛ Aramni Betuel babarima nkyɛn wɔ Paddan-Aram. Na saa Laban yi yɛ Esau ne Yakob maame Rebeka nuabarima. 6Esau tee sɛ Isak ahyira Yakob, na wagya no kwan ma ɔkɔ Paddan-Aram sɛ ɔnkɔware wɔ hɔ. Ɔhyiraa no no, ɔhyɛɛ no sɛ, “Nware saa Kanaanfoɔ mmaa yi bi da.” 7Yakob tiee nʼagya ne ne maame afotuo no siim kɔɔ Paddan-Aram. 8Esau hunuu sɛ nʼagya Isak mpɛ Kanaanfoɔ mmaa asɛm. 9Enti, ɔsiim kɔɔ Abraham babarima Ismael nkyɛn, kɔwaree ne babaa Mahalat. Na Mahalat yɛ Nebaiot nuabaa, na ɔyɛ Ismael a ɔno nso yɛ Abraham babarima babaa. Esau waree Mahalat kaa ne yerenom ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.