Native Bible

Genesis 27:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

‘Kɔpɛ hanam bi fa noa mʼakɔnnɔduane no bi brɛ me, na menni, na menhyira wo wɔ Awurade anim, ansa na mawu.’

Genesis 27:7 in English

Genesis 27:7 · Berean Standard Bible

‘Bring me some game and prepare me a tasty dish to eat, so that I may bless you in the presence of the LORD before I die.’

Context

5Ɛberɛ a Isak ne ne ba Esau rekasa no, na Rebeka retie. Enti, ɛberɛ a Esau kɔɔ sɛ ɔrekɔkum ɛnam no aba pɛ, ɛnna 6Rebeka ka kyerɛɛ ne ba Yakob sɛ, “Yakob tie! Metee sɛ wʼagya reka akyerɛ wo nua Esau sɛ, 7‘Kɔpɛ hanam bi fa noa mʼakɔnnɔduane no bi brɛ me, na menni, na menhyira wo wɔ Awurade anim, ansa na mawu.’ 8Afei, me ba, tie asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi yie, na di so. 9Kɔ nnwankuo no mu, na kɔkyere nnwan mmienu a wɔadɔre sradeɛ brɛ me, na memfa nnoa akɔnnɔduane, sɛdeɛ wʼagya pɛ no pɛpɛɛpɛ mma no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.